Native Bible

Ezekiel 16:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ deɛ wo ne wo mmammaa ayɛ no da.

Ezekiel 16:48 in English

Ezekiel 16:48 · Berean Standard Bible

As surely as I live, declares the Lord GOD, your sister Sodom and her daughters never did as you and your daughters have done.

Context

46Na wo nuabaa panin ne Samaria a na ɔne ne mmammaa te wʼatifi fam, ɛnna wo nuabaa kumaa a ɔne ne mmammaa te wʼanafoɔ fam yɛ Sodom. 47Woannante wɔn akwan mu, ansuasua wɔn akyiwadeɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔeɛ sene wɔn. 48Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ deɛ wo ne wo mmammaa ayɛ no da. 49“ ‘Yei ne bɔne a wo nuabaa Sodom yɛeɛ: Ɔno ne mmammaa yɛɛ ahantan. Wɔdidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ. 50Wɔyɛɛ ahomasoɔ ne akyiwadeɛ wɔ mʼanim. Ɛno enti meyii wɔn sii nkyɛn sɛdeɛ woahunu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.