Native Bible

Ezekiel 16:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛhyehye wʼafie na wɔatwe wʼaso wɔ mmaa bebree anim. Mɛtwa wʼadwamammɔ no so na woagyae akatua a wotua wʼadɔfoɔ no.

Ezekiel 16:41 in English

Ezekiel 16:41 · Berean Standard Bible

Then they will burn down your houses and execute judgment against you in the sight of many women. I will put an end to your prostitution, and you will never again pay your lovers.

Context

39Afei, mede wo bɛma wʼadɔfoɔ na wɔbɛbubu banbɔ pie a woahɔre, asɛe abosonnan atentene no. Wɔbɛpa wo ho ntoma. Wɔbɛfa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wagya wo hɔ adagya mu. 40Wɔde nnipadɔm a wɔbɛsi wo aboɔ na wɔde wɔn akofena atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so. 41Wɔbɛhyehye wʼafie na wɔatwe wʼaso wɔ mmaa bebree anim. Mɛtwa wʼadwamammɔ no so na woagyae akatua a wotua wʼadɔfoɔ no. 42Afei mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo na me ninkunutweɛ abufuo no bɛfiri wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na mebo remfu bio. 43“ ‘Sɛ woankae wo mmabunu nna, na wode yeinom nyinaa hyɛɛ me abufuo enti, ɛkwan biara so mɛma deɛ woayɛ no abɔ wo tiri so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwadeɛ no ho anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.