Hesekiel 16:15
Ezekiel 16:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Nanso wʼahoɔfɛ enti, wogyee wo ho diiɛ na wode wo din a ahyeta no bɔɔ adwaman. Wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam na woyɛɛ wɔn adɔeɛ.
Ezekiel 16:15 in English
Ezekiel 16:15 · Berean Standard Bible
But because of your fame, you trusted in your beauty and played the harlot. You lavished your favors on everyone who passed by, and your beauty was theirs for the asking.
Context
13Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo. Wʼaduradeɛ yɛɛ nwera papa ne ntoma a ne boɔ yɛ den ne deɛ wɔadi mu adwini. Wʼaduane yɛɛ esiam papa, ɛwoɔ ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmaa. 14Na wʼahoɔfɛ enti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ animuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm nie. 15“ ‘Nanso wʼahoɔfɛ enti, wogyee wo ho diiɛ na wode wo din a ahyeta no bɔɔ adwaman. Wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam na woyɛɛ wɔn adɔeɛ. 16Wode wo ntadeɛ no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn, ɛhɔ na wokɔbɔɔ adwaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sei sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. 17Afei wode wo nnwinneɛ fɛfɛ a mede maa wo no, deɛ mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛeɛ no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ adwaman.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.