Hesekiel 14:12
Ezekiel 14:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Ezekiel 14:12 in English
Ezekiel 14:12 · Berean Standard Bible
And the word of the LORD came to me, saying,
Context
10Wɔbɛsoa wɔn afɔdie; odiyifoɔ no ne deɛ ɔkɔhunuu no no nyinaa bɛdi fɔ. 11Na Israelfoɔ renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” 12Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 13“Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokorɛ na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na metene me nsa wɔ wɔn so na megyae wɔn aduane ma, na mema ɛkɔm ba bɛkunkum emu nnipa ne wɔn mmoa a, 14mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn tenenee bɛgye wɔn nko ara nkwa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.