Hesekiel 12:9
Ezekiel 12:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
Ezekiel 12:9 in English
Ezekiel 12:9 · Berean Standard Bible
“Son of man, hasn’t the rebellious house of Israel asked you, ‘What are you doing?’
Context
7Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ. 8Adekyeɛ no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ 10“Ka kyerɛ wɔn sɛ, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ hɔ nyinaa ho. 11Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.’
“Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.