Hesekiel 12:13
Ezekiel 12:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛto mʼatena agu no so na makyere no wɔ mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu.
Ezekiel 12:13 in English
Ezekiel 12:13 · Berean Standard Bible
But I will spread My net over him, and he will be caught in My snare. I will bring him to Babylon, the land of the Chaldeans; yet he will not see it, and there he will die.
Context
11Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.’
“Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu. 12“Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne batiri so ɛberɛ a adeɛ resa, na wafiri hɔ, na wɔbɛtu tokuro wɔ ɔfasuo no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛdeɛ ɔrenhunu faako a ɔrekorɔ. 13Mɛto mʼatena agu no so na makyere no wɔ mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu. 14Mɛhwete wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasraafoɔ nyinaa, na mede akofena ataa wɔn. 15“Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.