Hesekiel 10:12
Ezekiel 10:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ.
Ezekiel 10:12 in English
Ezekiel 10:12 · Berean Standard Bible
Their entire bodies, including their backs, hands, and wings, were full of eyes all around, as were their four wheels.
Context
10Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu. 11Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho. 12Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ. 13Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.” 14Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.