Native Bible

Exodus 4:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn enti, Mose yɛɛ anwanwadeɛ no ma wɔhwɛeɛ.

Exodus 4:30 in English

Exodus 4:30 · Berean Standard Bible

and Aaron relayed everything the LORD had said to Moses. And Moses performed the signs before the people,

Context

28Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɛberɛ a ɔresoma no no ne anwanwadeɛ a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29Enti, Mose ne Aaron sane kɔɔ Misraim frɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu. 30Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn enti, Mose yɛɛ anwanwadeɛ no ma wɔhwɛeɛ. 31Yei maa mpanimfoɔ no gye dii sɛ, ampa, Awurade na wasoma wɔn. Afei, wɔtee sɛ Awurade akɔsra wɔn, na ɛnam so ama wahunu wɔn haw, na enti wayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgye wɔn afiri saa ɔhaw no mu no, wɔde anigyeɛ buu nkotodwe sɔreeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.