Native Bible

Exodus 38:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.

Exodus 38:19 in English

Exodus 38:19 · Berean Standard Bible

with four posts and four bronze bases. Their hooks were silver, as well as the bands and the plating of their tops.

Context

17Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa. 18Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no. 19Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. 20Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere. 21Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.