Native Bible

Exodus 35:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso.

Exodus 35:33 in English

Exodus 35:33 · Berean Standard Bible

to cut gemstones for settings, and to carve wood, so that he may be a master of every artistic craft.

Context

31no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 32Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. 33Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 34Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. 35Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.