2 Mose 34:33
Exodus 34:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim,
Exodus 34:33 in English
Exodus 34:33 · Berean Standard Bible
When Moses had finished speaking with them, he put a veil over his face.
Context
31Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ. 32Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔ no so hɔ no maa wɔn. 33Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim, 34na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no 35a wɔhunu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.