2 Mose 33:21
Exodus 33:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.
Exodus 33:21 in English
Exodus 33:21 · Berean Standard Bible
The LORD continued, “There is a place near Me where you are to stand upon a rock,
Context
19Awurade buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ. 20Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu. 21“Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha. 22Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam. 23Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.