Native Bible

Exodus 30:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu.

Exodus 30:20 in English

Exodus 30:20 · Berean Standard Bible

Whenever they enter the Tent of Meeting or approach the altar to minister by presenting an offering made by fire to the LORD, they must wash with water so that they will not die.

Context

18“Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu. 19Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho 20ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu. 21Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no.” 22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.