Native Bible

Exodus 3:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan.

Exodus 3:21 in English

Exodus 3:21 · Berean Standard Bible

And I will grant this people such favor in the sight of the Egyptians that when you leave, you will not go away empty-handed.

Context

19Nanso, menim sɛ Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye sɛ wɔhyɛ no ketee. 20Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ. 21“Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan. 22Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.