Native Bible

Exodus 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn.

Exodus 3:16 in English

Exodus 3:16 · Berean Standard Bible

Go, assemble the elders of Israel and say to them, ‘The LORD, the God of your fathers—the God of Abraham, Isaac, and Jacob—has appeared to me and said: I have surely attended to you and have seen what has been done to you in Egypt.

Context

14Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’ ” 15Onyankopɔn toaa so sɛ, “Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 16Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn. 17Mehyɛ bɔ sɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so no so.’ 18“Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.