2 Mose 3:13
Exodus 3:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?”
Exodus 3:13 in English
Exodus 3:13 · Berean Standard Bible
Then Moses asked God, “Suppose I go to the Israelites and say to them, ‘The God of your fathers has sent me to you,’ and they ask me, ‘What is His name?’ What should I tell them?”
Context
11Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?” 12Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.” 13Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?” 14Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’ ” 15Onyankopɔn toaa so sɛ, “Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.