2 Mose 27:18
Exodus 27:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu.
Exodus 27:18 in English
Exodus 27:18 · Berean Standard Bible
The entire courtyard shall be a hundred cubits long and fifty cubits wide,* with curtains of finely spun linen five cubits high,* and with bronze bases.
Context
16“Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu. 17Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu. 18Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu. 19Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ. 20“Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.