2 Mose 17:2
Exodus 17:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
Exodus 17:2 in English
Exodus 17:2 · Berean Standard Bible
So the people contended with Moses, “Give us water to drink.” “Why do you contend with me?” Moses replied. “Why do you test the LORD?”
Context
1Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ. 2Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!”
Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?” 3Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!” 4Mose su frɛɛ Awurade sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ sɛ wɔsi me aboɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.