2 Mose 12:32
Exodus 12:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.”
Exodus 12:32 in English
Exodus 12:32 · Berean Standard Bible
Take your flocks and herds as well, just as you have said, and depart! And bless me also.”
Context
30Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu. 31Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom Awurade sɛdeɛ mokaeɛ no. 32Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.” 33Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn sɛ wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Yɛbɛwuwu.” 34Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.