Native Bible

Exodus 12:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so.

Exodus 12:28 in English

Exodus 12:28 · Berean Standard Bible

And the Israelites went and did just what the LORD had commanded Moses and Aaron.

Context

26Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a, 27mobɛbua wɔn sɛ, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim. Ɛwom sɛ ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’ ” Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ. 28Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so. 29Ɛda no ara anadwo dasuo mu Awurade kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa. 30Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.