Native Bible

Exodus 10:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa.

Exodus 10:22 in English

Exodus 10:22 · Berean Standard Bible

So Moses stretched out his hand toward heaven, and total darkness covered all the land of Egypt for three days.

Context

20Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ. 21Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.” 22Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa. 23Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann. 24Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.