Efesofoɔ 5:18
Ephesians 5:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma.
Ephesians 5:18 in English
Ephesians 5:18 · Berean Standard Bible
Do not get drunk on wine, which leads to reckless indiscretion. Instead, be filled with the Spirit.
Context
16Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase. 18Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, 20na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.