Efesofoɔ 4:10
Ephesians 4:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma.
Ephesians 4:10 in English
Ephesians 4:10 · Berean Standard Bible
He who descended is the very One who ascended above all the heavens, in order to fill all things.
Context
8Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,
ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;
na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.” 9Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ. 10Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma. 11Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. 12Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.