Native Bible

Ephesians 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ.

Ephesians 3:7 in English

Ephesians 3:7 · Berean Standard Bible

I became a servant of this gospel by the gift of God’s grace, given me through the working of His power.

Context

5deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no. 6Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu. 7Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ. 8Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ, 9na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.