Efesofoɔ 3:15
Ephesians 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so.
Ephesians 3:15 in English
Ephesians 3:15 · Berean Standard Bible
from whom every family in heaven and on earth derives its name.
Context
13Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ. 14Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim, 15ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so. 16Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.