Efesofoɔ 2:5
Ephesians 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.
Ephesians 2:5 in English
Ephesians 2:5 · Berean Standard Bible
made us alive with Christ even when we were dead in our trespasses. It is by grace you have been saved!
Context
3Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so. 4Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no 5maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa. 6Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu 7sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛboro so no adi; nʼadɔeɛ a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.