Ɔsɛnkafoɔ 7:5
Ecclesiastes 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom.
Ecclesiastes 7:5 in English
Ecclesiastes 7:5 · Berean Standard Bible
It is better to heed a wise man’s rebuke than to listen to the song of fools.
Context
3Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ,
ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba. 4Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase,
nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie. 5Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka
sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom. 6Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri wɔ ɛsɛn ase no
saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ.
Yei nso yɛ ahuhudeɛ. 7Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea,
na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.