Ɔsɛnkafoɔ 7:24
Ecclesiastes 7:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara, ɛwɔ akyiri, na emu dɔ, hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu?
Ecclesiastes 7:24 in English
Ecclesiastes 7:24 · Berean Standard Bible
What exists is out of reach and very deep. Who can fathom it?
Context
22na wonim wɔ wʼakoma sɛ,
wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree. 23Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ,
“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ”
nanso na yei boro me so. 24Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara,
ɛwɔ akyiri, na emu dɔ,
hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu? 25Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ,
ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ
na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase
ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso. 26Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo
ɔbaa a ɔyɛ afidie;
nʼakoma yɛ nnaadaa
na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ.
Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho
nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.