Ɔsɛnkafoɔ 10:15
Ecclesiastes 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ; na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.
Ecclesiastes 10:15 in English
Ecclesiastes 10:15 · Berean Standard Bible
The toil of a fool wearies him, for he does not know the way to the city.
Context
13Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm;
na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne, 14na ɔkwasea woro nsɛm.
Obiara nnim deɛ ɛreba,
hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no? 15Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;
na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom. 16Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwa
na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa. 17Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛ
na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata
de pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.