Native Bible

Deuteronomy 8:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no.

Deuteronomy 8:14 in English

Deuteronomy 8:14 · Berean Standard Bible

then your heart will become proud, and you will forget the LORD your God who brought you out of the land of Egypt, out of the house of slavery.

Context

12Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu 13na mo anantwie ne nnwan ase dɔre, na monya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapadeɛ nyinaa dɔɔso 14a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no. 15Mommma mo werɛ mfiri sɛ ɔno na ɔdii mo anim yii mo firii ɛserɛ a na ɛso yɛ hu so. Ɔno na ɔyii mo firii asase a ɛso yɛ hye, a awɔ ne anyanyankyerɛ a wɔn ano wɔ borɔ wɔ so no so. Ɔmaa mo nsuo firi ɔbotan mu. 16Ɔmaa mo mana aduane a mo agyanom nnim diiɛ wɔ ɛserɛ so. Ɔyɛɛ yei de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ mo ankasa yiedie mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.