Native Bible

Deuteronomy 4:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi wɔ Yordan apueeɛ fam

Deuteronomy 4:41 in English

Deuteronomy 4:41 · Berean Standard Bible

Then Moses set aside three cities across the Jordan to the east

Context

39Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio! 40Sɛ moyɛ ɔsetie ma mmara no ne ahyɛdeɛ no a mede bɛma mo ɛnnɛ no a, ɛbɛsi mo ne mo mma yie. Mobɛnyini akyɛre wɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so. 41Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi wɔ Yordan apueeɛ fam 42a, sɛ ɛba sɛ obi akum obi a wanhyɛ da na ɔnni onipa ko no ho menasepɔ bi a, ɔtumi dwane kɔ hɔ kɔbɔ ne ho adwaa. 43Ɔyii Beser a ɛda ɛserɛ ne asase tata so no maa Rubenfoɔ. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfoɔ ɛnna ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.