5 Mose 4:27
Deuteronomy 4:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase.
Deuteronomy 4:27 in English
Deuteronomy 4:27 · Berean Standard Bible
Then the LORD will scatter you among the peoples, and only a few of you will survive among the nations to which the LORD will drive you.
Context
25Moawowo mma ne mmanana akyi, na moatena asase no so akyɛre no, sɛ bɔne fa mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Onyankopɔn ani so nam so hyɛ no Abufuo a, 26mefrɛ ɔsoro ne fam sɛ mʼadansefoɔ de tia mo saa ɛda yi sɛ, ntɛm so, mobɛhye afiri asase a moretwam wɔ so akɔ Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔasɛe mo pasapasa. 27Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase. 28Ɛhɔ a ɛyɛ ahɔhosase no so na mobɛsom ahoni a wɔde nnua ne aboɔ na ayɛ, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnidi nte hwa no. 29Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.