5 Mose 32:41
Deuteronomy 32:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano na mefiri atemmuo ase a, mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere na matua wɔn a wɔtan me so ka.
Deuteronomy 32:41 in English
Deuteronomy 32:41 · Berean Standard Bible
when I sharpen My flashing sword, and My hand grasps it in judgment, I will take vengeance on My adversaries and repay those who hate Me.
Context
39“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!
Onyame biara nni hɔ sɛ me!
Me na mekum na mema nkwa:
Me na mepira, na mesa;
obi ntumi nnye wo mfiri me nsam. 40Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro
Ka sɛ: Sɛ mete ase yi, 41Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano
na mefiri atemmuo ase a,
mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere
na matua wɔn a wɔtan me so ka. 42Mɛma me bɛmma anom mogya abo,
na mʼakofena asɛe honam,
atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,
ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.” 43Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,
ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were.
Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere
na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.