Native Bible

Deuteronomy 27:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

Deuteronomy 27:21 in English

Deuteronomy 27:21 · Berean Standard Bible

‘Cursed is he who lies with any animal.’ And let all the people say, ‘Amen!’

Context

19“Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” 20“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” 21“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” 22“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” 23“Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.