5 Mose 24:3
Deuteronomy 24:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa sɛ ɔwu a,
Deuteronomy 24:3 in English
Deuteronomy 24:3 · Berean Standard Bible
and the second man hates her, writes her a certificate of divorce, hands it to her, and sends her away from his house, or if he dies,
Context
1Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, ɛfiri sɛ wahunu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de ma no, na ɔpamoo no firi ne fie, 2na ɔfiri fie hɔ na ɔbarima foforɔ kɔware no, 3na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa sɛ ɔwu a, 4ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan sɛ ɔware no bio, ɛfiri sɛ, wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no so. 5Sɛ ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.