5 Mose 24:20
Deuteronomy 24:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.
Deuteronomy 24:20 in English
Deuteronomy 24:20 · Berean Standard Bible
When you beat the olives from your trees, you must not go over the branches again. What remains will be for the foreigner, the fatherless, and the widow.
Context
18Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔgyee mo. Ɛno enti na mede saa mmara yi ama mo no. 19Sɛ woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi wɔ afuom hɔ a, nsane nkɔfa. Gya wɔ hɔ ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. 20Sɛ wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. 21Saa nso na wote wo bobe nturo so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba a aka wɔ so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. 22Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno enti na mehyɛ mo sɛ monyɛ yei no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.