Native Bible

Deuteronomy 23:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase.

Deuteronomy 23:2 in English

Deuteronomy 23:2 · Berean Standard Bible

No one of illegitimate birth may enter the assembly of the LORD, nor may any of his descendants, even to the tenth generation.

Context

1Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma Awurade badwa ase. 2Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase. 3Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase. 4Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.