5 Mose 2:6
Deuteronomy 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ ”
Deuteronomy 2:6 in English
Deuteronomy 2:6 · Berean Standard Bible
You are to pay them in silver for the food you eat and the water you drink.’”
Context
4Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie. 5Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ. 6Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ ” 7Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo. 8Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.