5 Mose 2:28
Deuteronomy 2:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so,
Deuteronomy 2:28 in English
Deuteronomy 2:28 · Berean Standard Bible
You can sell us food to eat and water to drink in exchange for silver. Only let us pass through on foot,
Context
26Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ, 27“Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara. 28Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so, 29sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so.” 30Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.