5 Mose 19:2
Deuteronomy 19:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
monyi nkuropɔn mmiɛnsa* a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no.
Deuteronomy 19:2 in English
Deuteronomy 19:2 · Berean Standard Bible
then you are to set apart for yourselves three cities within the land that the LORD your God is giving you to possess.
Context
1Sɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a, 2monyi nkuropɔn mmiɛnsa* a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no. 3Monyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ hɔ. 4Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.