5 Mose 15:8
Deuteronomy 15:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn.
Deuteronomy 15:8 in English
Deuteronomy 15:8 · Berean Standard Bible
Instead, you are to open your hand to him and freely loan him whatever he needs.
Context
6Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so. 7Sɛ moduru nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so na sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ a, mommpirim mo akoma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so. 8Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn. 9Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ ɛka mu twa berɛ no reyɛ aduru so enti, obi bɛbisa mo bosea a moremma no. Sɛ moammɔ ahiafoɔ no bosea na sɛ wɔsu frɛ Awurade a, wɔbɛbu mo fɔ sɛ moayɛ bɔne. 10Momma no akoma pa mu na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo ne biribiara a mobɛyɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.