Native Bible

Deuteronomy 11:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa.

Deuteronomy 11:3 in English

Deuteronomy 11:3 · Berean Standard Bible

the signs and works He did in Egypt to Pharaoh king of Egypt and all his land;

Context

1Dɔ Awurade wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa. 2Montie ɛnnɛ sɛ, ɛnyɛ mo mma na wɔnyaa osuahunu hunuu Awurade mo Onyankopɔn ntenesoɔ, ne tumi, ne basa kɛseɛ, ne nsa a watene mu, 3nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa. 4Wɔanhunu dwuma a mo Onyankopɔn dii Misraim asraafoɔ, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam, anaa sɛdeɛ ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ yiri faa wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn de bɛsi ɛnnɛ yi. 5Wɔanhunu sɛdeɛ na Awurade hwɛ mo so yie wɔ ɛserɛ so hɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.