Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ.

Daniel 5:6 in English

Daniel 5:6 · Berean Standard Bible

his face grew pale and his thoughts so alarmed him that his hips gave way and his knees knocked together.

Context

4Wɔrenom nsã no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ ayɛ no. 5Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no, 6na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ. 7Ɔhene no teaam frɛɛ sɛ, wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi sɛ, “Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.” 8Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.