Daniel 4:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me.
Daniel 4:5 in English
Daniel 4:5 · Berean Standard Bible
I had a dream, and it frightened me; while in my bed, the images and visions in my mind alarmed me.
Context
3Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa!
Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa!
Nʼahennie yɛ daa ahennie;
ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. 4Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me. 5Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me. 6Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. 7Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.