Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene Nebukadnessar, too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso!

Daniel 4:1 in English

Daniel 4:1 · Berean Standard Bible

King Nebuchadnezzar, To the people of every nation and language who dwell in all the earth: May your prosperity be multiplied.

Context

1Ɔhene Nebukadnessar, too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso! 2Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me. 3Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa! Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa! Nʼahennie yɛ daa ahennie; ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.