Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?”

Daniel 12:8 in English

Daniel 12:8 · Berean Standard Bible

I heard, but I did not understand. So I asked, “My lord, what will be the outcome of these things?”

Context

6Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?” 7Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.” 8Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?” 9Na ɔbuaa sɛ, “Daniel kɔ, ɛfiri sɛ wɔabobɔ nsɛm no asɔ ano de akɔsi awieeɛ mmerɛ no. 10Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.