Daniel 1:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ma yɛn nhahamma ne nsuo dadu, na fa sɔ yɛn hwɛ.
Daniel 1:12 in English
Daniel 1:12 · Berean Standard Bible
“Please test your servants for ten days. Let us be given only vegetables to eat and water to drink.
Context
10Apiafoɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ monni saa aduane yi, na monnom nsã no. Sɛ mofonfɔn na yɛde mo toto mmabunu a wɔyɛ mo tipɛnfoɔ no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ, matoto mʼadwuma ase.” 11Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a apiafoɔhene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ, 12“Ma yɛn nhahamma ne nsuo dadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. 13Afei fa yɛn toto mmeranteɛ afoforɔ no a wɔredi ɔhene nnuane pa no ho, na hwɛ sɛdeɛ yɛte. Ɛno akyi yɛ wo nkoa sɛdeɛ wohunu.” 14Enti, ɔsomfoɔ no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.