Kolosefoɔ 2:9
Colossians 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu,
Colossians 2:9 in English
Colossians 2:9 · Berean Standard Bible
For in Christ all the fullness of the Deity dwells in bodily form.
Context
7Monnye nhini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase. 8Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum. 9Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu, 10na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase. 11Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ onipa na ɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii onipadua a ɛho nteɛ no tumi ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.