Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momu biara bɛpue akɔ, na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Amos 4:3 in English

Amos 4:3 · Berean Standard Bible

You will go out through broken walls, each one straight ahead of her, and you will be cast out toward Harmon,*” declares the LORD.

Context

1Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so, mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!” 2Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ, “Ampa ara ɛberɛ no bɛba a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no. 3Momu biara bɛpue akɔ, na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 4“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal* na mo nkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara. 5Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ; Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ, na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.