Native Bible

Acts 8:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.”

Acts 8:10 in English

Acts 8:10 · Berean Standard Bible

and all the people, from the least to the greatest, heeded his words and said, “This man is the divine power called the Great Power.”

Context

8Yei enti, anigyeɛ baa Samaria. 9Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu. 10Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.” 11Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. 12Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.